Nnwom 110
Nkwa Asem
Awurade ne ne hene a wayi no no
110 Awurade ka kyerɛɛ me wura, ɔhene, no se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo bɛhyɛ wo nan ase.”
2 Awurade bɛtrɛw w’adehye tumi mu afi Sion. Ɔka se, “Di w’atamfo so hene.” 3 Na da a wobɛko atia w’atamfo no, wo nkurɔfo de wɔn ho bɛbɔ afɔre ako bi ama wo. Wo mmerante bɛba wo nkyɛn wɔ bepɔw kronkron no so sɛ anɔpa bɔw. 4 Awurade hyɛɛ bɔ a ɔremmu so se, “Melkisedek akyi no, mo na mobɛyɛ asɔfo daa nyinaa.” 5 Awurade wɔ wo nifa so; sɛ ne bo fuw a, obedi ahene so nkonim. 6 Obebu aman atɛn na ɔde afunu bɛpete akono hɔ; obedi ahene a wɔwɔ asase so nyinaa so nkonim. 7 Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.